Nti Yosef Smith Ohuu Onyankopɔn no?

ldsfirstvision

“…. Mihuu Nnipaban mienu wɔn mu biako….kasae kyerԑԑ ne yɔnko-Eyi ne Medɔ Ba Tie No? Wɔ bere –ne nna a wɔde sɔhwԑ ahorow sɔɔ me hwԑe….mpԑn pii no na medi mfomso….ԑyԑ Onyankopɔn aniso bɔne”-Yosef Smith-Abakɔsԑm 1:17,28

Bere a Mose ne Oyankopɔn kasaae mpu ne mpu no, so ohuu Onyankopɔn?

“Ԑnna Awurade no ne Mose kasae mpu ne mpu…. Na ɔkae sԑ: na wonntumi nhu M’anim, efisԑ onipa biara nni hɔ a ohu M’anim a ɔbԑtra nkwam.-Exodus 33:11, 20

Esiane sԑ Yosef Smith yԑ ɔbɔneyԑfo no ԑbԑyԑ dԑn na watumi ahu

Agya no? “Ԑnna ɔkasae kyerԑԑ Mose. Nokware wonntumi nhu M’anim….Efisԑ onipa bɔneyԑfo biara nni hɔ a asi bere bi pԑn na entumi nsi da wɔ bere bi sԑ onipa bɔneyԑfo bi behu M’anim na woatra nkwam”-Exodus 33:20, -Yosef Smith Nkyerԑase

“Onipa biara nhuu Onyankopɔn wɔ bere bi pԑn….-Yohane 1:18.

Sԑnea Yosef Smith kyerԑwtohɔ a ԑfa n’anisoadehunu wɔ afe 1832 no kyerԑԑ no, Hena na ohuui?

“…..Mihuu Awurade na ɔkasae…. Mene Awurade Onuonyamfo no, wokumii Me wɔ mmeamudua so maa wiase…”Yosef Smith Ankasa Kyerԑwtohɔ a Owura Dean C Jesse kr. 6 bɔɔ no tɔ fᾱ

Bere a nnipa huui Onyankopɔn wɔ Bible mmere mu no, Hena ankasa na wohuui?

“Yesu kae sԑ….nea w’ahu me no ahu Agya no….Yohane 14:9

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Borɔfo Spanish Spanish