So Wobɔ Mpae ma Yesu?

ldsprayer

“Asafo no mu bi a woadwene nsi pi befi ase abɔ mpae tēē ama Kristo efisԑ wɔte nka sԑ wɔne no wɔ adamfofa soronko bi. Eyi yԑ mfomso, Opanyi McConkie na ɔkae. Ԑsԑ sԑ yԑbɔ mpae tēē ma Agya no…The Ensign June 1998, kratafa 59

Hena na Nefatefo no wɔ Mormonfo Nhoma mu no bɔ no mpae?

“… Yesu bae…ɔhyԑe N’asuafo no sԑ ԑsԑ sԑ wɔbɔ mpae. Afei hwԑ: wofii ase bɔɔ mpae na wɔbɔe mpae maa Yesu, frԑԑ no sԑ wɔn Awurade ne wɔn Nyankopɔn”-3Nefi 19:15, 17-18

Hena na Paulo ne Stefano wɔ Bible mu no bɔɔ no mpae?

“…Misrԑԑ Awurade mprԑnsa…Na ɔkae kyerԑԑ me sԑ M’adom dɔɔso ma wo, efisԑ M’ahoɔden di mū wɔ wo mmerԑwyԑ mu. Enti mede anigye mԑhoahoa meho…na Kristo tumi no abԑkata me so”-2Korintofo 12:8-9.

“Na wosiwee Stefano abo na ɔfrԑԑ Onyankopɔn teԑԑm kaa sԑ Awurade Yesu wo nsam na mede me honhom mehyԑ”-Asomafo Nnwuma 7:59

“…na nokwarem no abusuabɔ yԑ yԑne Onyankopɔn no ne Ne Ba Yesu Kristo “-1 Yohane 1:3

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Borɔfo Spanish Spanish