Wɔn woafi Mormonsom mu no adansedi

.:WƆN A WOAFI MORMONSOM ADIKANFO ADANSEDI

bullets Wopɛ sɛ wɔne wɔn a woafi mormonsom mu a wɔwɔ wiase nyinaa di nkitaho? Anaasɛ woyɛ obi a woafi mormonsom a wopɛ sɛ woboa afoforo? Ende, susuw ho sɛ wobɛka wɔn a woafi Mormonsom mu a wɔwɔ wiase nyinaa internɛt nhyiam aboafo kuw ho. (Wɔn a woafi Mormonsom a wɔka borɔfo kasa nkutoo)

La Vonne

lavonneLA VONNE 

Me osuahu fii ase bere a meyɛ abaawa a me maame a ɔdɔ me nanso woammma manhu sɛ ɔdɔ me, tetee me no. M’asetra yɛɛ te sɛ obi a ɔpɛ sɛ wɔdɔ no na wɔgyee no tom, na meho pere me sɛ mɛnya m’ankasa m’abusua. Na merekɔ ahoɔfɛ ankansi sukuu wɔ mfe 19 na mepɛ sɛ m’asetra tu mpɔn bere a edi kan a metee Mormonfo nka. Mefii ase dii asɛmpatrɛw adwuma no ho nkɔmmɔ. Nea wɔkyerɛkyerɛɛ me no NYƐ nea minim seesei. Nea efii ase a ɛyɛ ɔdɔ a mewɔ ma Yesu ne nea misusuwii sɛ ɛyɛ Ne dɔ ma me no  ɛbɛyɛɛ biribi a ɛsɛ sɛ me yere meho sɛ mɛyɛ nea ɛyɛ papa denam mmara nhyehyɛe a mɛdi so ama manya ɔdɔ a edi kan metee nka no. Mannya ahofadi bio, kosii sɛ mene m’abusua nyaa ahofadi wɔ Kristo mu, ɛnna yehui nea ɛyɛ nokware dɔ ankasa. Kenkan Lavonne Osuahu sɛnea ofii Mormonsom mu.

Read more

Bonnie

bonnieBONNIE

Me nyinee wɔ Protestant Kristosom Asɔre mu, nanso woankyerɛ me Onyankopɔn asɛm. Bere a Mormon asɛmpatrɛwfo de Bible no buae me nsɛmmisa no, me nyaa Ɔpɛ sɛ mɛkɔ so. Ankyɛ na mede meho dɔm Asɔre no na me waree Mormon asɛmpatrɛwfo bi. Me daeso sɛee bere a okunu a m’aware no bɛyɛɛ ɔtorofo mapa, nsadweam ne mmeapɛfo. Maa ɔne mmea bɛyɛɛ 300 adeda wɔ mfe 8 a mene no waree no. Mpo wɔ m’aware gyae akyi no me kɔɔso yɛɛ nsi wɔ Asɔre no mu kakraa kosii sɛ Awurade buee m’ani maa mihuu Yesu ANKASA. Kenkan Bonnie Osuahu sɛnea ofii Mormonsom mu.

Read more

Glenn

glenn.: GLENN

Nea edi so yɛ me osuahu wɔ sɛnea wogyee me fii Mormonsom mu. Wɔtetee me sɛ Mormonni na me some bɛyɛɛ mfe 35 ansa na mihuu Yesu Kristo na mihui nea nokware Kristosom kyerɛ ankasa. Ɛyɛ me pɛ sɛ obi benya mfaso afi me osuahu no so, na wahu Mormonsom atoro gyidi nhyehyɛe na obehu nokware Awurade ne Agenkwa. Kenkan Glenn Osuahu sɛnea ofii Mormonsom mu.

Read more

Daniel S

daniels.:DANIEL S.

Wɔ me mfe 56 mu sɛ Mormonni no, me tetee me mma ahoɔfɛfo anan wɔ Mormonsom mu sɛ apam nhyehyɛe. Me somee asɛmpatrɛwfo wɔ South Amerika, na me somee sɛ Ɔsɛmpatrɛwfo mprɛnsa so wɔ Stake, afei nso sɔ Opanyin wɔ Quorum mprɛnsa, ne boayikuw titiriw muni bɛyɛɛ mfe 7. Ne dibea a ahorow ɛkeka ho. Me nimdeɛ a mewɔ wɔ Kyerɛwnsɛm nti na wohia me kɛse wɔ bere nyinaa asɛmpatrɛw adwuma no nti na metumi adandan obi a n’ani gye Mormonsom no ho ma ohu sɛ yɛn adwene no di mū. Nanso ne nyinaa dwiriw guu bere a mihui sɛ DNA nhwehwɛmu dii adanse sɛ Amerikafo fii Asia na ƐNYƐ-Yerusalem. Ɛyii nti Mormon Nhoma no di atoro. Manhu nea mɛyɛ. Kenkan Daniel S Osuahu sɛnea ofii Mormonsom mu.

Read more

Scott

scott.:SCOTT

Da koro wɔ ɔsom afahyɛ nhyiam ase no, bere a adwene no si Yesu ne Ne mpatade afɔre ma yɛn no metee Awurade Honhom no nka, nanso bere a mikae eyi kyerɛɛ me Sɔfo (Bishop) ɔkaa m’anim na ɔkae sɛ esiane sɛ memfata sɛ medi afahyɛ aduan no bi nti ɛrenyɛ nokware sɛ mɛte Honhom no nka. Wɔ ɛyawdi mu no, mefii Mormonsom ne biribiara mewɔ yɛ wɔ Kristosom mu no, nanso Onyankopɔn wɔ Ne dom mu no twee me baa Yesu ANKASA no nkyɛn, na minyaa anigye ne ahofadi wɔ mene Yesu ntam abusuabɔ a ɛnyɛ ɔsom kankanbi. Kenkan Scott Osuahu sɛnea ofii Mormonsom mu.

Read more

Brenda

brenda.:BRENDA

Sɛ ɛna kumaa ankonam a minni “abusua” ne nnamfo, mede meho bɔɔ Mormonsom. Megyee Mormonsom ne nea Asɔre no wɔ nyinaa toom. M’abrabɔ yɛ Asɔre no dwumadi nkutoo nanso na meyɛ ankonam. Dɛn ntia? Dɛn na ayera? Medwinnwen. Bere a me ba koro no kum neho no, mannya anidaso ne mmoa wɔ Mormonsom mu, nanso ankorankoro abusuabɔ a mene Bible Yesu ankasa no Nyaa Boaa me. Kenkan Brenda Osuahu sɛnea ofii Mormonsom mu.

Read more

Ron - Ex-RLDS

ron.:RON

Meyɛ mfe anum awo ntotoaso mufo, a ɛyɛ Mormonsom mu kuw a watew wɔnho a wɔfrɛ wɔn “Community of Christ”. Me nkokoaaberem nkae nyinaa yɛ afie asetena a ɛyɛ ahofama mapa ma Mormon Nhoma no nkyerɛkyerɛ. Me nana kansoa baa Mormonsom wɔ afeha a ɛtɔ so 19 no mfinini ne akyiri onyae nkɔɔso bɛyɛɛ Asomafo. Mefii kuw no mu yɛɛ gyinaesi a ɛyɛɛ ahometew. Ɛyi maa meyɛɛ basaa faa Onyankopɔn ho ne nea ato m’abrabɔ ne m’abusua. Bɛyɛ mmere kakraa na ɛyɛ yaw paa sɛ mɛtumi  akenkan afi Kyerɛwnsɛm mu. Awiee koraa, Awurade boaa me maa menyae ayerasa na afei obue m’ani maa mihuu nea ɔwɔ ma me.

Read more

Daniel V

daniel

.:DANIEL V

Me nyinee wɔ Mormonsom akuw a woatew wɔnho a wɔfrɛɛ wɔn “Community of Christ” wɔkyerɛɛ sɛnea wɔbɛma wanya honhom fam atenka pa. Bere a woanntumi amma me nsɛmmisa ho mmuae no me gyae wɔn ne ɔsom nyinaa prɛko, na metee nka sɛ obiara nni mmuae. Nanso Onyankopɔn wɔ nhyehyɛe foforo. Denam Bob Kristoni a n’ani kum ne som ho no mihui nea “ɔgye” ne awo foforo no kyerɛ ankasa.

Read more

Rocky

rocky-helenROCKY

Wɔtetee Rocky sɛ awo ntotoaso ɛtɔ so asia Mormonni. Bere a me yere a wahu nkwagye ɛwɔ Yesu Kristo mu denam nhwehwɛmu no, ne kunu yiyii nsɛm nsɛm ano, ɔkɔɔso gyee kyim na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ne yere ahu sɛ na dwene yɛ nea ɛnteɛ. Afei wɔ afe 1986 mu no, bere a ɔkɔɔ Bible adesua no ɛnna Rocky nyaa ɔgye. Ɔne ne yere akɔso apa Mormonsom ho ntama na woakɔso akyerɛkyerɛ Yesu ANKASA no efii saa bere no besi nnɛ.

Read more

Bev

bev.:BEV

Wɔwoo me ɛnna wɔsan tetee me wɔ Mormonsom mu wɔ Ɔmantam Idaho mu. M’abusua abakɔsɛm kɔ akyirikyiri ne Yosef Smith de hyia. Bɛyɛ mfe 40, me peree hwehwɛe mmuae maa me Honhom fam nsɛmmisa ahorow. Obiara antumi ama me mmuae a ɛtɔ asom mu, na Mormosom kaa kyerɛɛ me sɛ me “gyidi” sua. Me honhom mu akwantu no yɛ nwonwa! Obiara rentumi nsɔ wo nsam nkyerɛ wokwan gyesɛ Yesu. Ɛyɛ abusuabɔ -ɛnyɛ Asɔre, mmom Abusuabɔ a ɛda wone Awurade ntam ɛne kwan ɛkɔ daa nkwam wɔne Onyankopɔn fam. Kenkan Bev Osuahu sɛnea ofii Mormonsom mu.

 

Read more

Matthew

mr.:MATTHEW

Da koro bi, Meho pere me sɛ mɛhu Kristo. Enti, mefaa me Mormon Nhoma na mefii ase kenkan ade a edi kan a mihui no yɛ Yesu Kristo mfonini a ne nsa da Ɔsomafo Yohane Ti so na Ɔresra no sɛ Ɔsɔfo. Na ɛyɛ mfonini a ɛyɛ nwonwa! Na mepɛ sɛ nea mahu wɔ Mormon asɛmpatrɛwfo a woabɛsra me no di mū. Bɛyɛ mfe nkrɔn, na meyɛɛ nsi wɔ Mormonsom mu na mpo me somee sɛ asɛmpatrɛwfo. Afei mebɛhui nokware no a ɛfa Yosef Smith ho no. Na mihui sɛ woadaadaa me na ɛno ne ade titiriw a ɛmaa me yɛɛ ankonam efisɛ na merehwehwɛ ɔsom a obetumi ama m’anya mene Kristo ntam abusuabɔ.

Read more

Mary

mary.:MARY O.

Mede meho bɔɔ Mormonsom efisɛ na wɔwɔ mmuae ma nsɛmmisa biara a mebisae wɔn no. Na wɔn mmuae yɛ nea ɛtɔ asom na ɛyɛ biribi a mɛtumi de ma abrabɔ agyina so. Ɔsom no wɔ nhyehyɛe a edi mū a ɛne me nipasu hyia ankasa. Mene me kunu pɛɛ sɛ yɛtena asɔredan no mu. Ɛbɛyɛ mfe 13 ne 15 a yɛde somee sɛ Mormonfo no, mede m’asɔredan anisoadehu no kɔɔ baabiara. Wɔ ɛda bi, me somee sɛ “Stake Young Women President” nanso bere a megyae aware no Asɔre no tuu me. Na afei Onyankopɔn huu me na m’abɛyɛ Onyankopɔn ba. Kenkan Mary Osuahu sɛnea ofii Mormonsom mu.

Read more

Jennifer

jenniferJENNIFER

Me nyinee no, na wonnye me ntom da. M’awofo ntam abusuabɔ nyɛ papa nti bere a me maame wui bere a m’adi mfe 12 no, ɛkaa me nkoa mpɛn pii no ara. Ɛwom sɛ megyee Kristo toom asram mmiensa ansa na ɔrewu nanso na m’asiesies meho wɔ honhom fam ɔhaw a mɛhyia bere a mefii asɔre no mu. Ɛyi yɛe bere a Mormon asɛmpatrɛwfo yii wɔnho adi wɔ me fie na wɔka kyerɛɛ me sɛnea m’awofi kan abrabɔ wɔ Mormonsom no te ankasa eyi maa meho dwiriw me sɛ mɛhu, enti me bɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ saa mpo na me maa wɔbɔɔ me asu maa awufo na megyee akyɛde pii wɔ asɔredan no mu. Dɛn osuahu a ɛyɛ ahometew bɛn ni! Metwee meho sɛ mɛfi Mormonsom mu, nanso mpo wohuu me! Saa ɛyɛ Kristofo nnamfo a anka minnim sɛ menya ahoɔden de afi Mormonsom mu korakoraa.

Read more

Chuck

chuck.:CHUCK

Mene me yere yɛɛ bere nyinaa Mormonsom mufo. Na yɛwɔ Seatle Asɔredan bere nyinaa ne afebɔɔ sɛ kunu ne yere. Yɛn abusua daa nkwagye gyinae yɛn mmɔdenbɔ sɛ yebedi Asɔre no mmara ne ahwehwɛde nyinaa so. Enti, yɛyere yɛnho na na kwasida biara yɛn anim yɛ frɔmfrɔm ne serew sɛnea obi renhu sɛ yɛabrɛ na yɛapaw abaw wɔ ɔfrɛ a yɛapene so sɛ yɛbɛsom ne mmere tenten a yɛde yɛ yɛn adwuma. So eyi yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe a ɛde anigye ba?

Read more


Phillip

phillip-cheryl.:PHILLIP

Wɔtetee no sɛ Mormonni na afei na ɔwɔ adwene a ɛhwehwɛ nneɛma mu. Na mewɔ nsɛmmisa bebree fa abirabɔ a mihui wɔ Mormonsom Gyidi ne nneyɛe mu. Bere a mebisae Mormonsom mpanyimfo fa saa nsɛmmisa neho no, wotuu me sɛ “menni gyidi” na m’abuasu pow me. Bere a me yere foforo, Cheryl, bɔɔ asu wɔ Mormonsom mu no wɔsan gyee me toom wɔ Asɔre no mu. Amonom hɔ ara na me Mormon abusuafo yɛɛ me akwaaba, nanso eyi ankyɛ ɛnna nsɛmmisa ne adwene keserenee saa gyee me ti. Mfe anum nhwehwɛmu akyi, mihui sɛ Mormonsom yɛ atoro nanso mɛyɛ dɛn ama Cheryl agye atom?

Read more

Laura B

laura.:LAURA B
Wɔwoo me wɔ Navajo India na wɔtetee me wɔ Mormon mmofra ntetee abusua wɔ Utah. Sɛ Mormonni mehoahoaa meho sɛ meyɛ “Lamanite” Mormon Nhoma Abusuafo asefo. Nanso sɛ  aberante metwee meho efisɛ mantumi ama m’abrabɔ ne Mormonsom ahwehwɛde anhyia. “Obiara ntumi nyɛ pɛ! midwinnwen. Afei mefii ase ne Rob a ɔyɛ obi a woafi Mormonsom yɛɛ aware nhyehyɛe, ɔno nso wɔtetee no sɛ Mormonni, nanso w’abɛhu Bible Yesu ANKASA. Ɛdenam Rob abotare ne Honhom Kronkron mmoa so no, megyee Yesu yi wɔ m’asetram na mihuu treneeyɛ a ɛyɛ pɛ wɔ Ne mu!

Read more


Rob

rob.:ROB B

M’adi mfe pii wɔ Mormonsom mu na m’asom sɛ ɔkannifo wɔ dibea a ɛkorɔn ahorow mu. M’ahu Mormonsom no nkyerɛkyerɛ atitiriw no sɛ ɛne Awurade nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Bible no mu nhyia koraa. Sɛ kan Mormon Sɔfo (Bishop) ne obi a w’asom asɔre no bɛyɛ mfe 32, afei nso obi a w’ayɛ nhwehwɛmu na watintim nea wahu no, m’abɛhu nokware Awurade Yesu Kristo ne Ne dom.

Read more

 

 

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Borɔfo Spanish Spanish