Dԑn nti na Yosef Smith Anyin Ankyԑ Na Owui?

ldsjsdeath

 

 

“ Na mpo onipa betumi anya adiyisԑm bebree ne tumi a ɔde yԑ nnwuma akԑse nanso saa ɔhoahoa neho wɔ n’ahoɔden mu a, na obu Onyankopɔn akwankyerԑ animtiaa na mmom odi n’ankasa ne honam akɔnnɔ akyi a, ԑsԑ sԑ ɔhwe ase na Onyankopɔn aweredi ba ne so-Amanne ne Apam 3:4

Yosef Smith ɔhoahoa neho wɔ n’ahoɔden mu”?

Mewɔ ahohoahoa pii kyԑn nea onipa biara anya. Nnipa dɔm kԑse a abɔ dɔmpem agyina m’afᾱ no ԑnyԑ Paulo,Yohane anaa mpo Yesu nyae saa. Mehoahoa meho efisԑ onipa biara anyԑ adwuma a mayԑ no….Yosef Smith, May 26:1844, Asɔre no Abakɔsԑm po 6, kr. 408-409.

Mehyԑԑ nkɔm sԑ worennya tumi mfa nkum me kosi sԑ m’awie m’adwuma  na mayԑ krado sԑ mԑwu” Asɔre no Abakɔsԑm po 6, kr. 58

So Yosef Smith na “wɔayԑ krado sԑ obewu”?

Yosef…obue pon no wɔ anammɔn kakraa akyi pԑ ԑnna oyii ne tuo toe gui wɔ ewim-etuo no mmoba abien anaa abiԑsa no fomee ne botae…ԑnna neho bԑdaa adi wɔ n’awudifo no nsam ma ɔteԑԑm sԑ O Awurade me Nyankopɔn!”-June 27, 1844, Asɔre no Abakɔsԑm po 6, kr. 618.

“Nea ɔhoahoa nehoakyԑde nnaadaa mu no yԑ te sԑ ewim ne mframa a onni nsu”-Mmebusԑm 25:1

Print Friendly, PDF & Email

This post is also available in: Borɔfo Spanish Spanish